Asomafoɔ 7:14
Acts 7:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum.
Acts 7:14 in English
Acts 7:14 · Berean Standard Bible
Then Joseph sent for his father Jacob and all his relatives, seventy-five in all.
Context
12Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan. 13Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ. 14Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum. 15Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. 16Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.