Native Bible

Acts 5:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu.

Acts 5:30 in English

Acts 5:30 · Berean Standard Bible

The God of our fathers raised up Jesus, whom you had killed by hanging Him on a tree.

Context

28“Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!” 29Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu. 31Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.