Native Bible

Acts 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?

Acts 5:3 in English

Acts 5:3 · Berean Standard Bible

Then Peter said, “Ananias, how is it that Satan has filled your heart to lie to the Holy Spirit and withhold some of the proceeds from the land?

Context

1Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi. 2Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no. 3Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? 4Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.” 5Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.