Asomafoɔ 4:25
Acts 4:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
Acts 4:25 in English
Acts 4:25 · Berean Standard Bible
You spoke by the Holy Spirit through the mouth of Your servant,* our father David: ‘Why do the nations rage and the peoples plot in vain?
Context
23Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ agyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn. 24Ɛberɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu, 25wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ,
“Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?
Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi? 26Asase so ahemfo sɔre gyina
na atumfoɔ bom tu agyina
tia Awurade
ne Agyenkwa no. 27Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a woate ne ho no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.