Native Bible

Acts 4:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”

Acts 4:17 in English

Acts 4:17 · Berean Standard Bible

But to keep this message from spreading any further among the people, we must warn them not to speak to anyone in this name.”

Context

15Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho. 16Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.” 18Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. 19Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.