Native Bible

Acts 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!”

Acts 3:4 in English

Acts 3:4 · Berean Standard Bible

Peter looked directly at him, as did John. “Look at us!” said Peter.

Context

2Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. 4Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!” 5Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi. 6Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.