Asomafoɔ 27:23
Acts 27:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn
Acts 27:23 in English
Acts 27:23 · Berean Standard Bible
For just last night an angel of God, whose I am and whom I serve, stood beside me
Context
21Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, ɛhyɛn no na ɛbɛbɔ. 23Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn 24bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’ 25Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.