Asomafoɔ 26:7
Acts 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi.
Acts 26:7 in English
Acts 26:7 · Berean Standard Bible
the promise our twelve tribes are hoping to realize as they earnestly serve God day and night. It is because of this hope, O king, that I am accused by the Jews.
Context
5Sɛ wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim sɛ meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. 6Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi. 7Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi. 8Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ? 9“Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.