Native Bible

Acts 25:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so.

Acts 25:18 in English

Acts 25:18 · Berean Standard Bible

But when his accusers rose to speak, they did not charge him with any of the crimes I had expected.

Context

16“Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. 18Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. 19Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho. 20Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.