Asomafoɔ 19:38
Acts 19:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa.
Acts 19:38 in English
Acts 19:38 · Berean Standard Bible
So if Demetrius and his fellow craftsmen have a complaint against anyone, the courts are open and proconsuls are available. Let them bring charges against one another there.
Context
36Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa. 39Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.