Asomafoɔ 19:32
Acts 19:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu.
Acts 19:32 in English
Acts 19:32 · Berean Standard Bible
Meanwhile the assembly was in turmoil. Some were shouting one thing and some another, and most of them did not even know why they were there.
Context
30Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ. 32Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. 33Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. 34Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.