Native Bible

Acts 19:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei.

Acts 19:14 in English

Acts 19:14 · Berean Standard Bible

Seven sons of Sceva, a Jewish chief priest, were doing this.

Context

12maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. 13Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!” 14Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. 15Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?” 16Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.