Asomafoɔ 17:7
Acts 17:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”
Acts 17:7 in English
Acts 17:7 · Berean Standard Bible
and Jason has welcomed them into his home. They are all defying Caesar’s decrees, saying that there is another king, named Jesus!”
Context
5Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no. 6Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu, 7ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” 8Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no. 9Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.