Asomafoɔ 17:29
Acts 17:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ.
Acts 17:29 in English
Acts 17:29 · Berean Standard Bible
Therefore, being offspring of God, we should not think that the Divine Being is like gold or silver or stone, an image formed by man’s skill and imagination.
Context
27Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no; 28sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no. 29“Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ. 30Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so. 31Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.