Native Bible

Acts 17:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn.

Acts 17:25 in English

Acts 17:25 · Berean Standard Bible

Nor is He served by human hands, as if He needed anything, because He Himself gives everyone life and breath and everything else.

Context

23Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, Onyame a wɔnnim no no de. Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi. 24“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn. 26Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ. 27Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.