Native Bible

Acts 17:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde Paulo kɔɔ Areopago* nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase,

Acts 17:19 in English

Acts 17:19 · Berean Standard Bible

So they took Paul and brought him to the Areopagus,* where they asked him, “May we know what this new teaching is that you are presenting?

Context

17Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no. 18Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm. 19Wɔde Paulo kɔɔ Areopago* nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.” 21Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.