Asomafoɔ 15:26
Acts 15:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba.
Acts 15:26 in English
Acts 15:26 · Berean Standard Bible
men who have risked their lives for the name of our Lord Jesus Christ.
Context
24Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene. 25Yei enti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba 26a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba. 27Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo. 28Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛremfa adesoa foforɔ bi a emu yɛ duru nnsoa mo;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.