Native Bible

Acts 10:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.”

Acts 10:43 in English

Acts 10:43 · Berean Standard Bible

All the prophets testify about Him that everyone who believes in Him receives forgiveness of sins through His name.”

Context

41Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. 42Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 43Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.” 44Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.