Asomafoɔ 1:19
Acts 1:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.)
Acts 1:19 in English
Acts 1:19 · Berean Standard Bible
This became known to all who lived in Jerusalem, so they called that field in their own language Akeldama, that is, Field of Blood.)
Context
17Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu. 18(Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. 19Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.) 20Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ,
“ ‘Ne efie nna mpan,
na ne som adwuma no, obi mfa.’ 21Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.