Native Bible

2 Timothy 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.

2 Timothy 2:8 in English

2 Timothy 2:8 · Berean Standard Bible

Remember Jesus Christ, raised from the dead, descended from David, as proclaimed by my gospel,

Context

6Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no. 7Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase. 8Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; 10na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.