2 Samuel 7:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ.
2 Samuel 7:13 in English
2 Samuel 7:13 · Berean Standard Bible
He will build a house for My Name, and I will establish the throne of his kingdom forever.
Context
11ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.
“ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie. 12Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase. 13Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ. 14Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.