2 Samuel 6:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie.
2 Samuel 6:10 in English
2 Samuel 6:10 · Berean Standard Bible
So he was unwilling to move the ark of the LORD to the City of David; instead, he took it aside to the house of Obed-edom the Gittite.
Context
8Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ. 9Afei, na Dawid suro Awurade enti ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi de Awurade adaka no aba me nkyɛn, na mahwɛ so?” 10Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie. 11Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fiefoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa, na Awurade hyiraa no ne ne fidua mu nnipa nyinaa. 12Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Esiane Awurade Adaka no enti, Awurade ahyira Obed-Edom fie ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛseɛ baa Dawid Kuropɔn no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.