2 Samuel 5:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan.
2 Samuel 5:4 in English
2 Samuel 5:4 · Berean Standard Bible
David was thirty years old when he became king, and he reigned forty years.
Context
2Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ ” 3Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene. 4Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan. 5Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa. 6Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.