2 Samuel 3:27
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.
2 Samuel 3:27 in English
2 Samuel 3:27 · Berean Standard Bible
When Abner returned to Hebron, Joab pulled him aside into the gateway, as if to speak to him privately, and there Joab stabbed him in the stomach. So Abner died on account of the blood of Joab’s brother Asahel.
Context
25Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?” 26Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee. 27Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ. 28Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. 29Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa hɔ da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.