2 Samuel 24:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ ”
2 Samuel 24:12 in English
2 Samuel 24:12 · Berean Standard Bible
“Go and tell David that this is what the LORD says: ‘I am offering you three options. Choose one of them, and I will carry it out against you.’”
Context
10Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.” 11Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ: 12“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ ” 13Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.” 14Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.