Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo.

2 Samuel 22:38 in English

2 Samuel 22:38 · Berean Standard Bible

I pursued my enemies and destroyed them; I did not turn back until they were consumed.

Context

36Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ. 37Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri. 38“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo. 39Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ me nan ase. 40Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.