Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio.”

2 Samuel 21:3 in English

2 Samuel 21:3 · Berean Standard Bible

So David asked the Gibeonites, “What shall I do for you? How can I make amends so that you may bless the inheritance of the LORD?”

Context

1Dawid ahennie so no, ɛkɔm baa asase no so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid bisaa Awurade ɛkɔm no ho asɛm. Na Awurade kaa sɛ, “Esiane ɛfɔ a Saulo ne ne fiefoɔ di wɔ kunkum a wɔkunkumm Gibeonfoɔ no ho enti na ɛkɔm saa aba no.” 2Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ* nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam sɛ, wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. 3Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio.” 4Gibeonfoɔ no buaa sɛ, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wɔbɛkunkum Israelfoɔ aweretɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ so bisaa wɔn sɛ, “Enti, ɛdeɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.” 5Na wɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara wɔ Israel.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.