Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin.

2 Samuel 20:23 in English

2 Samuel 20:23 · Berean Standard Bible

Now Joab was over the whole army of Israel; Benaiah son of Jehoiada was over the Cherethites and Pelethites;

Context

21Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.” 22Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem. 23Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin. 24Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm. 25Na Sewa yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.