Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.”

2 Samuel 19:23 in English

2 Samuel 19:23 · Berean Standard Bible

So the king said to Shimei, “You shall not die.” And the king swore an oath to him.

Context

21Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ Awurade asra no no.” 22Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!” 23Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.” 24Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii sɛ ɔhene baa asomdwoeɛ mu no. 25Ɔhene no bisaa no sɛ, “Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.