2 Samuel 18:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu.
2 Samuel 18:6 in English
2 Samuel 18:6 · Berean Standard Bible
So David’s army marched into the field to engage Israel in the battle, which took place in the forest of Ephraim.
Context
4Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.”
Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no. 5Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no. 6Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu. 7Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa. 8Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu wɔ akofena ano no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.