2 Samuel 18:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
2 Samuel 18:3 in English
2 Samuel 18:3 · Berean Standard Bible
But the people pleaded, “You must not go out! For if we have to flee, they will pay no attention to us. Even if half of us die, they will not care; but you are worth ten thousand of us.* It is better for now if you support us from the city.”
Context
1Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim. 2Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Me ne mo na ɛrekɔ.” 3Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.” 4Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.”
Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no. 5Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.