Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.”

2 Samuel 15:26 in English

2 Samuel 15:26 · Berean Standard Bible

But if He should say, ‘I do not delight in you,’ then here I am; let Him do to me whatever seems good to Him.”

Context

24Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ. 25Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. 26Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.” 27Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.