Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.

2 Samuel 15:18 in English

2 Samuel 15:18 · Berean Standard Bible

and all his servants marched past him—all the Cherethites and Pelethites, and six hundred Gittites who had followed him from Gath.

Context

16Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. 17Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho. 19Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. 20Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.