Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.”

2 Samuel 13:6 in English

2 Samuel 13:6 · Berean Standard Bible

So Amnon lay down and feigned illness. When the king came to see him, Amnon said, “Please let my sister Tamar come and make a couple of cakes in my sight, so that I may eat from her hand.”

Context

4Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.” 5Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.” 6Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.” 7Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no. 8Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.