Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie.

2 Samuel 13:21 in English

2 Samuel 13:21 · Berean Standard Bible

When King David heard all this, he was furious.*

Context

19Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so. 20Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie. 21Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie. 22Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase. 23Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.