2 Samuel 11:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.”
2 Samuel 11:15 in English
2 Samuel 11:15 · Berean Standard Bible
In the letter he wrote: “Put Uriah at the front of the fiercest battle; then withdraw from him, so that he may be struck down and killed.”
Context
13Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio. 14Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.” 16Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim sɛ atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko. 17Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.