2 Samuel 11:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ.
2 Samuel 11:12 in English
2 Samuel 11:12 · Berean Standard Bible
“Stay here one more day,” David said to Uriah, “and tomorrow I will send you back.” So Uriah stayed in Jerusalem that day and the next.
Context
10Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ hɔ ɛnnora anadwo?” 11Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.” 12Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ. 13Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio. 14Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.