2 Samuel 1:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”
2 Samuel 1:14 in English
2 Samuel 1:14 · Berean Standard Bible
So David asked him, “Why were you not afraid to lift your hand to destroy the LORD’s anointed?”
Context
12Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no. 13Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?”
Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.” 14Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?” 15Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. 16Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.