Native Bible

2 Peter 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi.

2 Peter 1:3 in English

2 Peter 1:3 · Berean Standard Bible

His divine power has given us everything we need for life and godliness through the knowledge of Him who called us by His own * glory and excellence.

Context

1Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no: 2Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so. 3Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. 4Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu. 5Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.