2 Ahemfo 7:6
2 Kings 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.”
2 Kings 7:6 in English
2 Kings 7:6 · Berean Standard Bible
For the Lord had caused the Arameans to hear the sound of chariots, horses, and a great army, so that they said to one another, “Look, the king of Israel must have hired the kings of the Hittites and Egyptians to attack us.”
Context
4Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.” 5Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. 6Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.” 7Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa. 8Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.