2 Ahemfo 7:3
2 Kings 7:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, mmarima akwatafoɔ* baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo?
2 Kings 7:3 in English
2 Kings 7:3 · Berean Standard Bible
Now there were four men with leprosy * at the entrance of the city gate, and they said to one another, “Why just sit here until we die?
Context
1Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu pɛ.” 2Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!”
Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.” 3Afei, mmarima akwatafoɔ* baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo? 4Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.” 5Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.