Native Bible

2 Kings 6:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.”

2 Kings 6:27 in English

2 Kings 6:27 · Berean Standard Bible

He answered, “If the LORD does not help you, where can I find help for you? From the threshing floor or the winepress?”

Context

25Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe. 26Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.” 27Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.” 28Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?” Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ. 29Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.