Native Bible

2 Kings 25:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.

2 Kings 25:28 in English

2 Kings 25:28 · Berean Standard Bible

And he spoke kindly to Jehoiachin and set his throne above the thrones of the other kings who were with him in Babylon.

Context

26Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi. 27Ɔhene Yehoiakyin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. 28Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ. 29Enti Yehoiakyin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara, kɔsii ne wu da. 30Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.