2 Ahemfo 23:36
2 Kings 23:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.
2 Kings 23:36 in English
2 Kings 23:36 · Berean Standard Bible
Jehoiakim was twenty-five years old when he became king, and he reigned in Jerusalem eleven years. His mother’s name was Zebidah daughter of Pedaiah; she was from Rumah.
Context
34Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ. 35Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ. 36Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. 37Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.