2 Ahemfo 2:13
2 Kings 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so.
2 Kings 2:13 in English
2 Kings 2:13 · Berean Standard Bible
Elisha also picked up the cloak that had fallen from Elijah, and he went back and stood on the bank of the Jordan.
Context
11Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12Elisa hunuiɛ, teaam sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu. 13Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam sɛ, “Awurade, Elia Onyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu. 15Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.