Native Bible

2 Kings 18:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu.

2 Kings 18:31 in English

2 Kings 18:31 · Berean Standard Bible

Do not listen to Hezekiah, for this is what the king of Assyria says: Make peace with me * and come out to me. Then every one of you will eat from his own vine and his own fig tree, and drink water from his own cistern,

Context

29Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. 30Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’ 31“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu. 32Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn!’ 33Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.