2 Ahemfo 18:20
2 Kings 18:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria?
2 Kings 18:20 in English
2 Kings 18:20 · Berean Standard Bible
You claim to have a strategy and strength for war, but these are empty words. In whom are you now trusting, that you have rebelled against me?
Context
18Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ. 19Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ,
“ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 20Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria? 21Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 22Ebia, wobɛka sɛ, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!” Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.