Native Bible

2 Kings 14:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

2 Kings 14:18 in English

2 Kings 14:18 · Berean Standard Bible

As for the rest of the acts of Amaziah, are they not written in the Book of the Chronicles of the Kings of Judah?

Context

16Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 17Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum. 18Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 19Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ. 20Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.