2 Ahemfo 13:24
2 Kings 13:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
2 Kings 13:24 in English
2 Kings 13:24 · Berean Standard Bible
When Hazael king of Aram died, his son Ben-hadad reigned in his place.
Context
22Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. 23Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim. 24Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.