Native Bible

2 Kings 10:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.”

2 Kings 10:24 in English

2 Kings 10:24 · Berean Standard Bible

And they went in * to offer sacrifices and burnt offerings. Now Jehu had stationed eighty men outside and warned them, “If anyone allows one of the men I am delivering into your hands to escape, he will forfeit his life for theirs.”

Context

22Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. 23Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” 24Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.” 25Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. 26Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.